7 Asɔfoɔ, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa tee sɛ Yeremia reka saa nsɛm yi, wɔ Awurade efie hɔ. 8 Na Yeremia wiee nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ nnipa no nyinaa no ka no, asɔfoɔ no, adiyifoɔ ne nnipa no nyinaa to hyɛɛ no so kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo wu! 9 Adɛn na wohyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu sɛ, efie yi bɛyɛ sɛ Silo na kuropɔn yi bɛda mpan a obiara ntena so anaa?” Na nnipa no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaeɛ wɔ Awurade efie hɔ.
10 Ɛberɛ a Yuda adwumafoɔ tee saa nsɛm yi no, wɔfirii ahemfie hɔ foro kɔɔ Awurade efie kɔtenaa efie no Ɛpono Foforɔ no ano. 11 Ɛna asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuropɔn yi. Moate wɔ mo asom!”
12 Na Yeremia kasa yii ne ho ano wɔ adwumayɛfoɔ ne nnipa no nyinaa anim sɛ, “Awurade somaa me sɛ, memmɛnhyɛ nkɔm ntia efie yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ moate no nyinaa. 13 Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn. Na Awurade bɛtwɛn, na ɔremfa amanehunu a ɔpɛɛ sɛ ɔde ba mo so no mma bio. 14 Me deɛ, mewɔ mo nsam; mobɛtumi ayɛ me sɛdeɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so. 15 Nanso monkae sɛ, sɛ mokum me a, moahwie mogya a ɛdi bem agu, na ɛso afɔdie bɛba mo so, kuropɔn yi so ne wɔn a wɔtete mu so; na nokorɛm Awurade na wasoma me sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nnwu mo asom.”
16 Na adwumayɛfoɔ no ne nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne adiyifoɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔbu saa ɔbarima yi kumfɔ! Wakasa akyerɛ yɛn wɔ Awurade, yɛn Onyankopɔn din mu.”
17 Na asase no so mpanimfoɔ no mu bi sɔreeɛ na wɔka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ, 18 “Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so. Ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ, ‘Yei na Asafo Awurade seɛ:
20 (Semaia babarima Uria a ɔfiri Kiriat-Yearim no nso yɛ ɔbarima foforɔ a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Awurade din mu; ɔhyɛɛ nkɔm korɔ yi ara tiaa saa kuropɔn yi ne saa asase yi, sɛdeɛ Yeremia yɛeɛ no. 21 Ɛberɛ a ɔhene Yehoiakim ne ne mpanimfoɔ ne nʼadwumayɛfoɔ nyinaa tee ne nsɛm no, ɔhene no pɛɛ sɛ ɔkum no, nanso Uria teeɛ no, ɔde ehu dwane kɔɔ Misraim. 22 Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor babarima Elnatan ne mmarima bi kɔɔ Misraim. 23 Wɔde Uria firi Misraim baeɛ, na wɔde no kɔmaa ɔhene Yehoiakim. Ɔma wɔde akofena kumm no na wɔtoo ne funu twenee kwasafo asieeɛ.)
24 Afei nso, na Safan babarima Ahikam gyina Yeremia akyi, enti wɔammfa no amma ɛdɔm no sɛ wɔnkum no.
<- Yeremia 25Yeremia 27 ->