6 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuro wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so sɛ: ‘Montie apam yi ho nhyehyɛeɛ na monni so. 7 Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma me.” 8 Nanso, wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wɔdii asoɔden a ɛfiri wɔn akoma bɔne mu akyi. Ɛno enti memaa nnomea a ɛfiri apam a mahyɛ wɔn sɛ wɔnni so na wɔanni so no mu baa wɔn so.’ ”
9 Na afei Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Atuateɛ apam bi wɔ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem ntam. 10 Wɔasane kɔ wɔn agyanom a wɔampɛsɛ wɔtie mʼasɛm no, bɔne ho. Wɔadi anyame foforɔ akyi akɔsom wɔn. Yerusalem fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ abu apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so. 11 Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede amanehunu a wɔrentumi nnwane mfiri mu bɛba wɔn so. Ɛwom sɛ, wɔsufrɛ me deɛ, nanso merennye wɔn so. 12 Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ akɔsu afrɛ anyame a wɔhye nnuhwam ma wɔn no, nanso sɛ amanehunu ba a wɔrentumi mmoa wɔn koraa. 13 Ao Yuda, wowɔ anyame a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ wo nkuro; na afɔrebukyia a moasisi sɛ mobɛhye nnuhwam wɔ so ama animguaseɛ nyame Baal no dɔɔso sɛ Yerusalem mmɔntene.’
14 “Mmɔ mpaeɛ mma saa nnipa yi, nni mma wɔn na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu mu a, merennye wɔn so.
21 Ɛno enti deɛ Awurade ka fa Anatot mmarimma a wɔrepɛ wo akum wo na wɔka sɛ, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wobɛwu wɔ yɛn nsa ano,” 22 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmeranteɛ bɛwuwu akofena ano, na ɛkɔm bɛkunkum wɔn mmammarima ne mmammaa. 23 Wɔrennya wɔn nkaeɛfoɔ biara mpo, ɛfiri sɛ mede amanehunu bɛba Anatotfoɔ so wɔ wɔn asotwe afe mu.”
<- Yeremia 10Yeremia 12 ->