4 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Wɔdɔɔso ara. Fa wɔn bra asuo no ho na mɛsa wɔn mu ayi wɔn a wo ne wɔn bɛkɔ ne wɔn a wɔne wo renkɔ.”
5 Ɛberɛ a Gideon de nʼakofoɔ no kɔɔ nsuo no ho no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyɛ nnipa no mu akuo mmienu. Fa nnipa a wɔbɔ nsuo gu wɔn nsam na wɔde wɔn tɛkrɛma tafere no sɛ nkraman no kɔ ekuo baako mu. Ekuo a ɛtɔ so mmienu no nso, fa wɔn a wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo wɔ asuwa mu no hyɛ mu.” 6 Mmarima no mu ahasa pɛ na na wɔnom nsuo firi wɔn nsa mu. Wɔn a aka no nyinaa nso, na wɔbu nkotodwe de wɔn ano nom nsuo firi asuwa no mu.
7 Awurade ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Menam saa mmarima ahasa yi so bɛgye mo, na mama moadi Midianfoɔ no so nkonim. Ma wɔn a aka no nyinaa nkɔ fie.” 8 Enti, Gideon gyegyee wɔn akwansoduane ne ntotorobɛnto firii akofoɔ no nkyɛn ma wɔkɔɔ fie. Ɛnna ɔmaa mmarima ahasa no kaa ne nkyɛn.
13 Gideon weaweaa kɔduruu hɔ no, na ɔbarima bi reka ne daeɛ a ɔsoeɛ akyerɛ nʼadamfo bi sɛ, “Mesoo daeɛ na burodo kurukuruwa bi ate abɛhwe Midianfoɔ atenaeɛ. Ɛkɔpem ntomadan no bi na ɛbu faa so ma ɛkɔhwee ase!”
14 Nʼadamfo no kaa sɛ, “Wo daeɛ no kyerɛ adeɛ baako pɛ. Onyankopɔn de Midian ne ne mpamfoɔ nyinaa so nkonimdie ahyɛ Yoas babarima Gideon, Israelni no nsa.”
15 Ɛberɛ a Gideon tee daeɛ no ne nʼasekyerɛ no, ɔkoto sɔree Onyankopɔn. Ɔsane baa Israel atenaeɛ mu teaam sɛ, “Monsɔre! Awurade de Midianfoɔ ahyɛ mo nsa.” 16 Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuakuo mmiɛnsa. Ɔde ntotorobɛnto ne dɔteɛ kuruwa a ogyatɛn hyehyɛ mu maa wɔn.
17 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ me. Monni mʼakyi. Sɛ meduru atenaeɛ no mfikyire a, deɛ mɛyɛ biara no, monyɛ bi. 18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho nyinaa hyɛn ntotorobɛnto no a, mo a moatwa atenaeɛ no ho ahyia no nyinaa, mo nso monhyɛn mo deɛ na monteam sɛ, ‘Yɛko ma Awurade ne Gideon.’ ”
19 Anadwo dasuo mu a wɔasesa awɛmfoɔ no awie pɛ, na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no kɔduruu Midianfoɔ atenaeɛ mfikyire. Mpofirim wɔhyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, bobɔɔ dɔteɛ nkuruwa a na ɛhyehyɛ wɔn nsam no. 20 Afei akuo mmiɛnsa no nyinaa hyɛnee wɔn ntotorobɛnto bobɔɔ wɔn nkuruwa. Na wɔkurakura ogyatɛn a ɛrederɛ no wɔ wɔn nsa benkum mu na wɔkurakura ntotorobɛnto wɔ wɔn nsa nifa mu, wɔteaam sɛ, “Awurade akofena yɛ Gideon akofena!” 21 Ɔbarima biara gyinaa nʼafa wɔ atenaeɛ no ho, hwɛɛ Midianfoɔ no sɛ wɔabɔ huboa reteateam na wɔredwane.
22 Ɛberɛ a Israelfoɔ ahasa no hyɛnee wɔn ntotorobɛnto no, Awurade maa wɔn atamfoɔ akofoɔ a wɔwɔ atenaeɛ hɔ no twaa wɔn ho de akofena ne wɔn ho koeɛ. Wɔn a wɔanwu no dwane kɔduruu Bet-Sita a ɛbɛn Serera ne Abel-Mehola hyeɛ a ɛbɛn Tabat so.
23 Afei, Gideon soma kɔfaa Naftali, Aser ne Manase akofoɔ a wɔbɛboa ma wɔtaa Midian akodɔm a wɔredwane no. 24 Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim mmepɔ aman no so kɔkaa sɛ “Mommra mmɛto nhyɛ Midianfoɔ so. Montware wɔn wɔ Yordan aworɔso a ɛwɔ Bet-Bera hɔ no.”