11 Awurade buaa sɛ, “Mannye mo amfiri Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ 12 Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ nsam? Ɛberɛ a wɔhyɛɛ mo so no, mosu frɛɛ me na megyee mo. 13 Nanso, moagya me akɔsom anyame foforɔ. Ɛno enti, merennye mo bio. 14 Monkɔsu nkyerɛ anyame a moafa wɔn no. Momma wɔnnye mo ɛberɛ a morehunu amaneɛ yi.”
15 Nanso, Israelfoɔ no kɔɔ so srɛɛ Awurade sɛ, “Yɛayɛ bɔne. Twe yɛn aso sɛdeɛ ɛfata. Nanso, gye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam ɛnnɛ.” 16 Na Israelfoɔ no too ananafoɔ anyame no guu nkyɛn bɛsom Awurade. Na Awurade ho yeraa no wɔ wɔn ahokyere no ho.
17 Saa ɛberɛ no na Amonfoɔ asraadɔm aboa wɔn ho ano wɔ Gilead, sɛ wɔrekɔto ahyɛ Israel akodɔm so wɔ Mispa. 18 Na Gilead ntuanofoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obiara a ɔbɛdi ɛkan ato ahyɛ Amonfoɔ so no, bɛyɛ deɛ ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”
<- Atemmufoɔ 9Atemmufoɔ 11 ->