10 Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn sɛ nhwɛsoɔ wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no. 11 Yɛde anidie ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri sɛ, Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Aane” a, monka “Aane”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na mo amma Onyankopɔn atemmuo ase.
13 Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom. 14 Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din bɔ mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo. 15 Sɛ wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. 16 Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaeɛbɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
17 Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ osuo nntɔ, na ampa ara osuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne fa. 18 Ɔsane bɔɔ mpaeɛ bio maa osuo tɔeɛ maa asase nyaa nnɔbaeɛ.
19 Me nuanom, sɛ mo mu bi dwane firi nokorɛ ho na ɔfoforɔ de no ba bio a, 20 Monkae sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛfoɔ firi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa firi owuo mu ma wɔde ne bɔne dodoɔ no nyinaa kyɛ no.
<- Yakobo 4