5 Me nuanom adɔfoɔ, montie! Onyankopɔn yii ewiase yi mu ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu na wɔanya ahennie a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. 6 Nanso, moammu ahiafoɔ! Ɛhefoɔ na wɔdi mo nya twe mo kɔ atemmufoɔ anim? Adefoɔ! 7 Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.
8 Ɛyɛ sɛ modi yɛn Awurade mmara a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. 9 Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, modi ho fɔ na Mmara no tia mo sɛ mmaratofoɔ. 10 Obiara a ɔbu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. 11 Ɛfiri sɛ, deɛ ɔkaa sɛ, “Nsɛe awadeɛ” no, ɔno ara nso na ɔkaa sɛ, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe awadeɛ na wodi awu a, woabu mmara so.
12 Sɛ woyɛ Kristo apɛdeɛ o, sɛ woanyɛ nʼapɛdeɛ o, wobɛbu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne deɛ woyɛ biara yie. 13 Ɛfiri sɛ, obi a wanhunu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmuo mu no, wɔrenhunu no mmɔbɔ. Nanso atemmuo mu mpo no, Onyankopɔn hunu mmɔbɔ.
14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ, “Mewɔ gyidie” na ɔnni gyidie no ho dwuma a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa? 15 Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntoma ho hia wɔn na wɔnni aduane dodoɔ nso a wɔbɛdi, 16 sɛ wokɔka kyerɛ wɔn sɛ, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hye na monnidi yie” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu deɛ ɛhia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17 Saa ara na gyidie teɛ. Sɛ nneyɛeɛ nka ho a, na awu.
18 Nanso, obi bɛtumi aka sɛ, “Obi wɔ gyidie na afoforɔ nso wɔ nneyɛeɛ.”
20 Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no ho nni mfasoɔ anaa? 21 Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛeɛ so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia so no. 22 Wohunu sɛ ne gyidie ne ne nneyɛeɛ nyinaa redi dwuma na ne nneyɛeɛ no maa ne gyidie no dii mu. 23 Na Atwerɛsɛm no baa mu sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ na ɛsiane ne gyidie no enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo. 24 Yei da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛeɛ so na ɔbu no bem, na ɛnnam ne gyidie nko so.
25 Saa ara na ɛte wɔ adwaman Rahab ho. Ne nneyɛeɛ maa Onyankopɔn buu no bem, ɛfiri sɛ, ɔgyee Yudafoɔ bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma wɔdwane faa ɛkwan foforɔ bi so. 26 Sɛdeɛ onipadua a honhom nni mu awuo no, saa ara nso na gyidie a nneyɛeɛ mmata ho no nso awuo.
<- Yakobo 1Yakobo 3 ->