64
1 Ao, sɛ anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a,
ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
2 Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛre
na ɛma nsuo huru no,
siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo din
na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
3 Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no,
wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim.
4 Ɛfiri teteete obiara nteeɛ,
ɛntwaa obiara aso mu,
ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo,
deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no.
5 Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene,
wɔn a wɔkae wʼakwan.
Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no,
wo bo fuiɛ.
Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
6 Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ,
na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi;
yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan,
na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
7 Obiara mmɔ wo din,
na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu;
ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn
na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe.
8 Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya.
Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no;
yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
9 Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade;
nkae yɛn bɔne da biara da.
Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,
ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ.
10 Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam;
Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan.
11 Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no,
wɔde ogya ahye,
na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
12 Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa?