4 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ,
11 Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no sɛ, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfoɔ, ɛfiri sɛ, yɛte aseɛ yie. Monnka Hebri[a] na nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte aseɛ.”
12 Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
13 Afei, ɔsahene no sɔre gyina kasaa Hebri mu sɛ, “Montie saa nkra yi a ɛfiri ɔhempɔn, Asiriahene no nkyɛn! 14 Sɛdeɛ ɔhene no seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nye mo! 15 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkaa no sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuro yi mma Asiriahene’ no, mma mo tirim nyɛ mo dɛ.
16 “Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu, 17 kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo deɛ yi so, ayuo ne nsã foforɔ asase, aduane ne bobe mfuo asase.
18 “Mommma Hesekia nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne ɔman afiri Asiriahene nsam pɛn anaa? 19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afiri me nsam anaa? 20 Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfoɔ afiri me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”
21 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.
22 Afei, Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntadeɛ mu, kɔkaa deɛ ɔsahene no aka kyerɛɛ no.
<- Yesaia 35Yesaia 37 ->- a Hebri kasa yɛɛ kasa a na wɔde di nkutaho saa berɛ no. Ɛfiri 5 AWK no, Hebri kasa bɛyɛɛ Yudafoɔ kasa.