“Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ no nkyerɛ yɛn bio!
Monka ahomekasɛm nkyerɛ yɛn,
monhyɛ nnaadaa nkɔm.
11 Momfiri saa tempɔn yi so,
mommane mfiri saa kwan yi ho
na monnyae Israel Kronkronni
a mode no ha yɛn yi!”
12 Enti sei na Israel Ɔkronkronni no seɛ:
“Esiane sɛ moapo saa nkra yi,
na mode mo ho ato nhyɛsoɔ
ne nnaadaa so enti,
13 saa bɔne yi bɛyɛ sɛ
ɔfasuo tentene bi a ate kam na akyea
na ɛbu mpofirim, ama mo.
14 Ɛbɛbubu nketenkete ayɛ sɛ kukuo.
Ɛbɛyam pasaa a
esini koraa renka a
wɔbɛtumi de ayi ogya afiri bukyia mu
anaa wɔde bɛsa nsuo afiri ankorɛ mu.”
15 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, Israel Kronkronni no seɛ:
“Ahonumu ne ntoboaseɛ mu na mo nkwagyeɛ wɔ;
kommyɛ ne ahotosoɔ mu na mo ahoɔden wɔ,
nanso, morennya emu biara.
16 Mokaa sɛ, ‘Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane.’
Enti mobɛdwane!
Mokaa sɛ, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ herɛ so akɔ.’
Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ herɛ!
17 Apem bɛdwane
ɔbaako ho hu nti;
baanum ho hu enti
mo nyinaa bɛdwane akɔ,
kɔsi sɛ wɔbɛgya mo
te sɛ frankaa dua a ɛsi bepɔ atifi,
te sɛ frankaa a ɛsi kokoɔ so.”
18 Nanso, Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;
ɔbɛma ne ho so akyerɛ wo nʼahummɔborɔ.
Ɛfiri sɛ Awurade yɛ ɔteneneeni Onyankopɔn.
Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
19 Ao, Sionfoɔ a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ mosu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a, ɔbɛgye mo so prɛko pɛ. 20 Ɛwom sɛ Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduane ne ɔhaw sɛ nsuo deɛ, nanso, afei mobɛhunu Awurade, mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. 21 Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte ɛnne bi wɔ mo akyi a ɛka sɛ, “Ɛkwan no nie na momfa so.” 22 Afei, mobɛto mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsodeɛ a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛto wɔn agu sɛ ntomago fi, na mo aka akyerɛ wɔn sɛ, “Momfiri yɛn so nkɔ.”
23 Afei, ɔde osutɔ bɛhyira mo ɛberɛ a modua nnuaba, na aduane a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Ɛda no, mo anantwie bɛdidi wɔ adidibea a ɛtrɛ soɔ. 24 Mo anantwie ne mo mfunumu a wɔfuntum asase no bɛwe atokoɔ pa ne ne ntɛtɛ a wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛ mu. 25 Saa okum kɛseɛ da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛtene wɔ bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so. 26 Ɔsrane bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mprɛnson, te sɛ nnafua nson mu hyerɛn, ɛberɛ a Awurade kyekyere ne nkurɔfoɔ akuro na ɔsa apirakuro a ɔde ama wɔn no.