4 Wɔsuu no wieeɛ no, Yosef kasa kyerɛɛ Farao fiefoɔ sɛ, “Sɛ manya mo anim animuonyam a, monka nkyerɛ Farao mma me sɛ, 5 ‘Mʼagya maa mekaa ntam,’ na ɔkaa sɛ: Hwɛ, aka kakra na mawu. Enti, sɛ mewu a, ɔboda a mʼankasa metwaa wɔ Kanaan asase so no mu na monkɔsie me. ‘Enti, mommisa otumfoɔ Farao ɛkwan mma me na menkɔsie mʼagya, na mɛsane maba.’ ”
6 Farao penee akwansra no so, kaa sɛ, “Kɔ na kɔsie wʼagya, sɛdeɛ ɔmaa wo kaa no ntam no.”
7 Ɛno enti, Yosef kɔ kɔsiee nʼagya. Farao asomfoɔ nyinaa ne ne mpanimfoɔ ne nʼatenankonnwa ne Misraim nnipa titire nyinaa kɔgyaa Yosef ayie. 8 Ɛno akyiri, Yosef fiefoɔ nyinaa a ne nuammarimanom ne nʼagya fiefoɔ ka ho ne no kɔɔ ayie no. Wɔn mma ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nko ara na wɔgyaa wɔn wɔ Gosen asase so hɔ. 9 Nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ nso kaa wɔn ho kɔɔ ayie no bi. Nnipadɔm pa ara na wɔkɔeɛ.
10 Wɔduruu Atad a nʼasekyerɛ ne baabi a wɔpo atokoɔ, a ɛwɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam no, wɔde nnanson twaa agyaadwoɔ, yɛɛ Yosef agya Israel ayi kɛseɛ wɔ hɔ. 11 Ɛberɛ a Kanaanfoɔ a na wɔte asase no so hunuu sɛdeɛ wɔsi yɛɛ ayie no wɔ Atad no, wɔkaa sɛ, “Yei yɛ ayi kɛseɛ bi a Misraimfoɔ ayɛ.” Ɛno enti, Kanaanfoɔ a wɔte asase no so no too hɔ edin Abel-Misraim, a asekyerɛ ne Misraimfoɔ ayi kɛseɛ yɛ.
12 Enti, Yakob mmammarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔn agya kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. 13 Wɔsoaa no, de no kɔɔ Kanaan asase so, kɔsiee no wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ afuo a na Abraham atɔ afiri Hetini Efron nkyɛn de ayɛ amusieeɛ no mu. 14 Yosef siee nʼagya wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a wɔkɔgyaa no ayie no nyinaa sane baa Misraim.
18 Yosef nuammarima no bɛtotoo wɔn ho guguu nʼanim, kaa sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa.”
19 Nanso, Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro me! Meyɛ Onyankopɔn a mɛtumi abu mo atɛn, atwe mo aso anaa? 20 Ɛwom sɛ moyɛɛ mo adwene sɛ mobɛyɛ me bɔne deɛ, nanso na Onyankopɔn adwene ne sɛ, ɛbɛdane ade pa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi agye nnipa dodoɔ nkwa, sɛdeɛ ɔreyɛ no ɛnnɛ yi. 21 Enti, monnsuro! Mʼankasa mede biribiara a ɛhia mo ne mo mma nyinaa bɛma mo.” Yosef nam saa kasakyerɛ yi so hyɛɛ wɔn bɔ sɛ, ɔrenyɛ wɔn bɔne biara.
24 Afei, Yosef ka kyerɛɛ ne nuammarima no sɛ, “Ɛrenkyɛre biara na mawu. Nanso, Onyankopɔn bɛboa mo, ayi mo afiri saa asase yi so, de mo akɔ bɔhyɛ asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so.” 25 Yosef maa Israel mmammarima no kaa ntam, na Yosef kaa sɛ, “Nokorɛm, Onyankopɔn bɛdi aboa mo. Sɛ mewu nso a, monsoa me nnompe mfiri ha nkɔ Kanaan asase so.”
26 Yosef dii mfeɛ ɔha ne edu, na ɔwuiɛ. Wɔhyɛɛ no akyenkyennuro de no too efunu adaka mu wɔ Misraim.
<- 1 Mose (Gyenesis) 49