2 Ɔbaa no buaa ɔwɔ sɛ, “Yɛtumi di nnua a ɛwɔ turo yi mu no so aduaba biara, 3 nanso Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ yɛdi dua a ɛsi turo no mfimfini no so aduaba, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nsa mpo ka, anyɛ saa a, yɛbɛwuwu.’ ”
4 Na ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Morenwuwu. 5 Onyankopɔn nim sɛ, ɛda a mobɛdi no ara pɛ, mo ani bɛba mo ho so, ama moayɛ sɛ Onyankopɔn, na moahunu papa ne bɔne.”
6 Ɛberɛ a ɔbaa no hunuu sɛ dua a ɛsi mfimfini no so aba no wɔdi a, ɛbɛyɛ yie, na ɛyɛ akɔnnɔ, na afei ɛte ani no, ɔtee bi diiɛ, de bi ma ne kunu a na ɔne no wɔ hɔ maa ɔno nso diiɛ. 7 Wɔdi wieeɛ no, wɔn baanu ani baa wɔn ho so, na wɔhunuu sɛ wɔn nyinaa da adagya. Enti, wɔkekaa nhahan sisii animu de kataa wɔn adagya so.
8 Ɛda no anwummerɛ, wɔtee Awurade Onyankopɔn nka sɛ ɔnam turo no mu. Enti, Adam ne ne yere Hawa de wɔn ho kɔsiee nnua a ɛwɔ turo mu hɔ no mu sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn renhunu wɔn. 9 Enti, Awurade Onyankopɔn frɛɛ Adam bisaa no sɛ, “Mowɔ he?”
10 Adam buaa sɛ, “Metee wo nka wɔ turo no mu hɔ, nanso na mesuro, ɛfiri sɛ, na meda adagya enti mekɔtɛeɛ.”
11 Na Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ na woda adagya? Gyama dua a meka kyerɛɛ wo sɛ, nni so aba no, woadi nʼaba no bi?”
12 Adam kaa sɛ, “Aane. Ɔbaa no a wode no maa me sɛ me ne no ntena no na ɔde aduaba a ɔte firii dua no so no brɛɛ me ma mediiɛ.”
13 Enti, Awurade Onyankopɔn bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yi?”
14 Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti,
16 Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ,
17 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti,
20 Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na.
21 Awurade Onyankopɔn de aboa nwoma yɛɛ ntadeɛ maa Adam ne ne yere Hawa de kataa wɔn ho. 22 Awurade Onyankopɔn kaa sɛ, “Afei, onipa no abɛyɛ sɛ yɛn ara a, wahunu papa ne bɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛma no ɛkwan na ɔtene ne nsa kɔte nkwa dua no so aba no bi die, na ɔtena ase afebɔɔ.” 23 Enti, Awurade Onyankopɔn pamoo no firii Eden turo no mu sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ asase a, wɔnwonoo no firii mu no so. 24 Ɔpamoo onipa no. Na Eden turo no apueeɛ fam hɔ no, ɔde Kerubim ne afena a ɛredɛre twa ne ho fa baabiara no sii hɔ sɛ, ɛnwɛn ɛkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho.
<- 1 Mose (Gyenesis) 21 Mose (Gyenesis) 4 ->