1 Yei ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.
8 Afei, Awurade Onyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ. 9 Awurade Onyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa fifirii asase no so; nnua a ɛyɛ fɛ na wɔdie. Turo no mfimfini no na nkwa dua, ɛnna papa ne bɔnehunu dua sisie.
10 Na nsuo tene firi Eden bɛgugu turo no mu afifideɛ no so; ɛfiri hɔ a, na saa nsuo no mu apaapae ayɛ nsubɔntene ɛnan. 11 Wɔtoo nsuo a apaapae no mu deɛ ɛdi ɛkan no edin Pison. Na ɛkontonkonton fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. 12 Na saa asase no so sikakɔkɔɔ yɛ. Na ɛhyɛ a ɛyɛ hwam ne apopobibirieboɔ nso wɔ hɔ. 13 Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Na ɛno ara na abobare afa Kus[a] asase ho nyinaa. 14 Asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛtene kɔ asase kɛseɛ Asiria apueeɛ fam. Asuo a ɛtɔ so ɛnan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate.
15 Awurade Onyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. 16 Na Awurade Onyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ sɛ, “Wowɔ ho ɛkwan sɛ, wodi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; 17 nanso wonni ho ɛkwan sɛ wodi papa ne bɔnehunu dua no so aba. Ɛda a wobɛdie no, deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.”
19 Saa ɛberɛ no na, Awurade Onyankopɔn de mfuturo abɔ wiram mmoa ne ewiem nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ edin ko a ɔde bɛtoto wɔn. Edin a onipa de too abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ no. 20 Enti, onipa totoo nyɛmmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoa no nyinaa edin.
23 Na Adam kaa sɛ,
25 Saa ɛberɛ no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.
<- 1 Mose (Gyenesis) 11 Mose (Gyenesis) 3 ->- a Kus—Ɛyɛ Hebri asɛm a ɛkyerɛ ɔmantam te sɛ Sudan anaa Etiopia a ɛwowɔ Apam Dada mu no nyinaa. Asubɔnten a wɔbɔ ne din wɔ ha yi yɛ Nil. Ebinom nso ka sɛ Kus wɔ Mesopotamia.