Galatifoɔ
10 Deɛ nnipa pene so na mereyɛ yi anaa? Dabi! Mepɛ deɛ Onyankopɔn pene so! Anaa mereyɛ deɛ ɛsɔ nnipa ani? Sɛ megu so yɛ saa deɛ a, na menyɛ Kristo ɔsomfoɔ.
13 Moate sɛ na mesɛe mʼadagyeɛ nyinaa wɔ Yudasom ho. Afei, moate nso sɛ na mede atirimuɔden taa Onyankopɔn akyidifoɔ, na mefaa ɛkwan biara a mɛtumi so pɛɛ sɛ metɔre wɔn ase. 14 Mʼafɛfoɔ Yudafoɔ no deɛ, na mʼadwene mu abue wɔ Yudasom ho sene wɔn nyinaa. Na mekura yɛn nananom amanneɛ nso mu dendeenden. 15 Nanso, Onyankopɔn nam nʼadom so frɛɛ me ansa na wɔrewo me sɛ memmɛsom no. Na berɛ no soo 16 sɛ ɔbɛda ne Ba no adi akyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛka Asɛmpa a ɛfa ne ho akyerɛ amanamanmufoɔ no, mankɔ obiara nkyɛn amma wantu me fo; 17 saa ara nso na mankɔ Yerusalem mankɔhunu asomafoɔ a na wɔdi mʼanim ɛkan no. Mmom, mekɔɔ Arabia prɛko pɛ ɛnna mesane mʼakyi baa Damasko.
18 Mfeɛ mmiɛnsa akyi na mekɔɔ Petro nkyɛn wɔ Yerusalem ne no kɔdii nkɔmmɔ. Medii ne nkyɛn dadu nnanum. 19 Manhunu ɔsomafoɔ biara wɔ hɔ ka Awurade nua Yakobo ho. 20 Meka kyerɛ mo, Onyankopɔn anim sɛ deɛ meretwerɛ yi yɛ nokorɛ trodoo.
21 Ɛno akyi, mebaa Siria ne Kilikia. 22 Saa ɛberɛ no na Kristo asafo ahodoɔ a wɔwɔ Yudea no mu nnipa nnim me. 23 Nsɛm a na wɔaka afa me ho sɛ, “Afei deɛ, ɔbarima no a na ɔtaa yɛn no ka gyidie a na ɔpɛ sɛ ɔsɛe no no ho asɛm.” 24 Na me enti, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.
Galatifoɔ 2 ->