6 “ ‘Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso yɛ anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea.
7 “ ‘Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ bɔ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ wɔ atifi fam ne anafoɔ fam. 8 Asase no bɛyɛ nʼagyapadeɛ wɔ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfoɔ so bio, na mmom wɔbɛma Israel efie ɛkwan ama wɔafa asase no sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.
9 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaduru akyiri pa ara, Israel mmapɔmma! Monnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛsoɔ na monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ. Monnyae me nkurɔfoɔ nsase a mogyegyeɛ no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 10 Ɛsɛ sɛ mode nsania ne susudeɛ a ɛyɛ pɛ susu adeɛ. 11 Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe mmienu (182), na mode bɛsusu adeɛ biara dodoɔ; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyɛmu edu. 12 Dwetɛ mpɔ na mode bɛsusu adeɛ mu duru. Dwetɛ mpɔ baako bɛyɛ gram dumienu, na dwetɛ mpɔ aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720).
18 “ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea hɔ. 19 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de bɔne afɔrebɔdeɛ no mogya no bi keka asɔredan no aponnwa, afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no ntweaso ɛnan no ne mfimfini adihɔ no aponnwa ho. 20 Ɛsɛ sɛ woyɛ ade korɔ yi ara wɔ ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so nson de ma obiara a ɔfiri anibiannasoɔ mu bɛyɛ bɔne anaa nim a ɔnnim enti ɔbɛyɛ bɔne, na wo nam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.
21 “ ‘Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ sɔ dunan no, ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ a ɛyɛ apontoɔ a wɔde nnanson na ɛyɛ no. Saa ɛberɛ no, mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu. 22 Saa ɛda no ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba. 23 Ɛda biara wɔ nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ sɛ ɔhene no de nantwinini nson ne nnwennini nson a wɔn ho nni dɛm biara ba sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade, ne ɔpapo sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ. 24 Deɛ ɛsɛ sɛ ɔde ba sɛ aduane afɔrebɔdeɛ yɛ kɛntɛn baako (lita dumienu) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita dumienu) nso a ɛka odwennini baako biara ho. Ngo lita ɛnan nso ka kɛntɛn biara ho.
25 “ ‘Nnanson Afahyɛ a wɔhyɛ aseɛ wɔ ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo.
<- Hesekiel 44Hesekiel 46 ->