6 Ɛberɛ a ɔbarima no gyina me ho no, metee sɛ obi rekasa firi asɔredan no mu kyerɛ me. 7 Ɔkaa sɛ, “Onipa ba, ɛha ne mʼahennwa siberɛ ne me nan ntiasoɔ. Ɛha na mɛtena wɔ Israelfoɔ mu afebɔɔ. Israel efie rengu me din ho fi bio da; wɔn anaa wɔn ahemfo remfa wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a nkwa nni mu a wɔwɔ wɔn sorɔnsorɔmmea no rengu me din ho fi. 8 Ɛberɛ a wɔmaa wɔn aboboano bɛnee me deɛ, na wɔn aponnwa nso bɛnee me deɛ a na ɔfasuo na ɛtwa yɛn ntam no, wɔde wɔn akyiwadeɛ guu me din kronkron ho fi. Ɛno enti mesɛee wɔn wɔ mʼabufuo mu. 9 Afei ma wɔnyi wɔn adwamammɔ ne ahemfo no ahoni a wɔnni nkwa no mfiri mʼani so, na mɛtena wɔn mu afebɔɔ.
10 “Onipa ba, kyerɛkyerɛ Israelfoɔ sɛdeɛ asɔredan no teɛ na wɔn ani nwu wɔ wɔn bɔne ho. Ma wɔnsusu ne sie mfoni ho, 11 na sɛ wɔn ani wu deɛ wɔayɛ ho a, twa asɔredan no mfoni kyerɛ wɔn; ne ntotoeɛ, apono a wɔfa mu pue ne deɛ wɔfa kɔ mu, ne mfoni nyinaa, ne ɛho akwankyerɛ nyinaa ne mmara. Twerɛ saa nneɛma yi wɔ wɔn anim na wɔadi me ntotoeɛ ne ne sie no mfoni no so.
12 “Asɔredan no ho mmara nie: Asase a ɛda ho wɔ bepɔ no so nyinaa yɛ kronkron. Sei na asɔredan no ho mmara teɛ.
18 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Yeinom na ɛbɛyɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛfa so abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛkwan a, sɛ wɔsi afɔrebukyia no wie a wɔbɛfa so de mogya apete ho: 19 Ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ma asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ na wɔfiri Sadok abusua mu na wɔba mʼanim bɛsom me no, sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 20 Ɛsɛ sɛ wofa nantwie ba no mogya no bi na wode keka afɔrebukyia mmɛn ɛnan no ho. Wode bi bɛkeka apa a ɛwɔ soro no ntwɛtwɛaso ne anoano kawa a atwa ho ahyia no ho na wɔnam so ate afɔrebukyia no ho de ayɛ mpata nso. 21 Ɛsɛ sɛ wofa bɔne afɔrebɔdeɛ nantwie no na wokɔhye no wɔ asɔredan no ho beaeɛ a wɔayi ato hɔ, wɔ kronkronbea no akyi.
22 “Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, ɛsɛ sɛ wode ɔpapo a ɔnni dɛm ma sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ, na ɛsɛ sɛ wɔdwira afɔrebukyia no ho sɛdeɛ wɔde nantwie no yɛeɛ no. 23 Sɛ wowie ɛho dwira a, ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo no mu a wɔnni dɛm bɛbɔ afɔdeɛ. 24 Ɛsɛ sɛ wode wɔn ba Awurade anim, na asɔfoɔ de nkyene pete wɔn so na wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade.
25 “Ɛsɛ sɛ wode ɔpapo ba sɛ bɔne afɔrebɔdeɛ nnanson. Afei ɛsɛ sɛ wode nantwie ba ne nnwennini a wɔfiri ebuo mu na wɔnni dɛm nso ba. 26 Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no nnanson de ate ho; sei na wɔbɛyɛ de asi hɔ ama dwumadie. 27 Saa nna yi akyi, ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe de rekorɔ no, ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no de mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no ba afɔrebukyia no so. Afei mɛgye mo atom, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
<- Hesekiel 42Hesekiel 44 ->