1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so. 3 Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Woka sɛ, Ao Tiro,
“Me ho yɛ fɛ yie.”
4 Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;
wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ
5 Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa
yɛ pepeaa a ɛfiri Senir.
Wɔde Lebanon ntweneduro
na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.
6 Odum nnua a ɛfiri Basan
na wɔde yɛɛ wʼatabono;
Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.
7 Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini
na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma
a ɛyɛɛ wo frankaa nso;
wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma
a ɛfiri Elisa mpoano.
8 Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;
wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro
na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.
9 Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu
sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.
Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa
baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.
10 “ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.
Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ
sensɛnee wʼafasuo ho,
de hyɛɛ wo animuonyam.
11 Arwad ne Helek mmarima
wɛnee wʼafasuo ho nyinaa.
Gammad mmarima
tenaa wʼaban atentene mu.
Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho
maa wʼahoɔfɛ dii mu.
12 “ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.
13 “ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.
14 “ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.
15 “ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.
16 “ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.
17 “ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.
18 “ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti. 19 Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.
20 “ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.
21 “ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.
22 “ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.
23 “ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa. 24 Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.