7 “Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ ne akodɔm kɛseɛ afiri atifi fam abɛtia wo. 8 Ɔde akofena bɛsɛe wʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee no so pasaa; ɔbɛsisi mpampim ayɛ epie wɔ wʼafasuo ho na wama nʼakokyɛm so atia wo. 9 Ɔde obubuadaban nnua bɛpempem wʼafasuo no, na ɔde akodeɛ abubu wʼaban atentene no asɛe no. 10 Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yie, na wɔbɛbɔ mfuturo akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam nnyegyeeɛ bɛma wʼafasuo awoso ɛberɛ a wɔahyɛne wɔapono mu, sɛdeɛ mmarima hyɛne kuropɔn a nʼafasuo mu adeda akwan. 11 Nʼapɔnkɔ no ntɔte bɛtiatia wo mmɔntene nyinaa so. Ɔde akofena bɛkunkum wo nkurɔfoɔ na wʼafadum denden no bɛbubu agu fam. 12 Wɔbɛfom wʼahodeɛ na wɔawia wʼadwadeɛ, wɔbɛbubu wʼafasuo, na wɔadwiri wʼadan fɛfɛ no na wɔatoto wʼaboɔ, wo nnua ne wo dɔteɛ agu ɛpo mu. 13 Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no aba awieeɛ na wɔrente wo sankuo so nnwontoɔ no bio. 14 Mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrensi kuro no bio. Me Awurade na maka!
15 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa? 16 Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti. 17 Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ:
19 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a, 20 mede wo ne wɔn a wɔkɔ amena mu no bɛsiane akɔ teteetefoɔ no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubuiɛ, wo ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no, na worensane anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so. 21 Mede wo bɛba awieeɛ a ɛyɛ hu mu, na worentena asase so bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhunu wo bio da, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
<- Hesekiel 25Hesekiel 27 ->