8 “Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya’, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 9 Me nsa bɛtia adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfoɔ badwafoɔ mu, na wɔrentwerɛ wɔn din wɔ Israel efie nwoma no mu, na wɔn nan rensi Israel asase so. Na afei wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade.
10 “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ’, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ, na afei, sɛ wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti, 11 ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no sɛ, ɔfasuo no rebɛbu. Osubrane bɛtɔ, na mɛsoma asukɔtweaa, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ. 12 Na sɛ ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn sɛ, ‘ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afa’ anaa?
13 “Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mʼabufuhyeɛ mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuo mu no, asukɔtweaa ne osubrane de adesɛeɛ ahoɔden atɔ. 14 Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mobɛhunu sɛ mene Awurade. 15 Enti mede mʼabufuhyeɛ bɛkɔ ɔfasuo no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo sɛ, ɔfasuo no nni hɔ bio, na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nni hɔ. 16 Wɔyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wɔhunuu asomdwoeɛ anisoadeɛ, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ’, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
17 “Afei, onipa ba, ma wʼani nkɔ wo mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm so. Hyɛ nkɔm tia wɔn 18 na ka sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka mmaa a wɔpempam ntafowayie dwomfadeɛ hyehyɛ wɔn abakɔn na wɔpempam nkatanimu ntiawa ne atentene kata wɔn anim de sum nnipa afidie. Mobɛsum me nkurɔfoɔ nkwa afidie, na mo deɛ, moakora mo deɛ? 19 Moasopa me wɔ me nkurɔfoɔ mu de agye atokoɔ nsabuo kakra bi ne burodo asinasini. Monam atorɔ a modi kyerɛ me nkurɔfoɔ a wɔtie atorɔ so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔ wuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.
20 “ ‘No enti, yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie sɛ nnomaa no. 21 Mɛtete mo nkatanimu no mu afiri mo anim, na magye me nkurɔfoɔ nkwa afiri mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade. 22 Esiane sɛ mode atorɔ maa teneneefoɔ aba mu buiɛ wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn awerɛhoɔ, na mohyɛɛ amumuyɛfoɔ nkuran sɛ wɔnkɔ so wɔ wɔn akwan bɔne so na moagye wɔn nkwa no 23 enti, morenhunu atorɔ anisoadeɛ bio na mobɛgyae ntafowayie nso. Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri mo nsa mu, na afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade no.’ ”
<- Hesekiel 12Hesekiel 14 ->