5 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa poma no nkyerɛ nsubɔntene, nsuwa ne atadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bɛbu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”
6 Aaron yɛɛ saa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ. 7 Nanso, nkonyaayifoɔ no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.
8 Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsrɛ Awurade na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ.”
9 Mose nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”
10 Farao kaa sɛ, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.”
12 Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnyi mponkyerɛne a ɔde wɔn abɛgu Farao so no. 13 Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mponkyerɛne wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afie mu ma tɔ. 14 Wɔboaboaa mponkyerɛne a wɔawuwuo no ano akuo akɛseakɛseɛ maa ɔman no mu bɔn yie. 15 Nanso, Farao hunuu sɛ mponkyerɛne no kɔ no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.
22 “ ‘Na nsonsonoeɛ kɛseɛ bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfoɔ no te so no ntam, ɛfiri sɛ, nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahunu sɛ, me Awurade mewɔ tumi wɔ Misraim asase yi so. 23 Na mɛma wo nkurɔfoɔ ho ada nso afiri me nkurɔfoɔ ho. Ɔkyena nko ara nsɛm a maka yi nyinaa bɛba mu.’ ”
24 Awurade yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma tɔ.
25 Farao hunuu saa no, ntɛm ara, ɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Onyankopɔn, nanso mommɔ saa afɔdeɛ no wɔ ɔman yi ara mu. Monnkɔ ɛserɛ so.”
26 Nanso Mose kaa sɛ, “Saa deɛ, ɛrenyɛ yie. Yɛn afɔdeɛ a yɛbɔ ma Awurade yɛn Onyankopɔn no yɛ Misraimfoɔ akyiwadeɛ, enti sɛ yɛbɔ saa afɔdeɛ no wɔ ha a, wɔbɛkum yɛn. 27 Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so, na yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma Awurade, yɛn Onyankopɔn, sɛdeɛ wakyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.”
28 Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma mo ɛkwan akɔ ɛserɛ so akɔbɔ afɔdeɛ, na mmom, monnkɔ akyiri. Monka mo ho na monkɔkoto nsrɛ Awurade, mo Onyankopɔn mma me.”
29 Mose kaa sɛ, “Sɛ me firi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpaeɛ na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre wɔ wo, wo mpanimfoɔ ne wo nkurɔfoɔ mu. Nanso, merebɔ wo kɔkɔ sɛ, hwɛ na woanhyɛ bɔ sɛ wobɛma nnipa no akɔ na akyire yi, woasesa wʼadwene.”
30 Enti, Mose firii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ Awurade sɛ, ɔntɔre nwansena no nyinaa ase. 31 Na Awurade yɛɛ Mose abisadeɛ no, tɔree nwansena no nyinaa ase. 32 Nanso, Farao sane pirim nʼakoma, enti wamma nnipa no ankɔ.
<- 2 Mose (Ɛksodɔs) 72 Mose (Ɛksodɔs) 9 ->