9 “Twa adihɔ ma Ahyiaeɛ Ntomadan no na fa ntoma a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nsɛnanotam a ɛsɛn anafoɔ no tenten nyɛ anammɔn ɔha aduonum 10 a kɔbere nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu sosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no na ɛbɛsosɔ nsɛnanimu no mu. 11 Adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanimu a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinasoɔ mu a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ne ntweaa fomfam ho na ɛbɛgyina no.
12 “Adihɔ no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn aduɔson enum a ɛkura nnua edu a ntokuro edu deda mu mu. 13 Apueeɛ fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson enum saa ara 14 Baabi a ne kwan da nʼapueeɛ fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu sosɔ mu nsɛn ano. 15 Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔeɛ fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa nsɛn ano. Nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu na ɛbɛsosɔ nsɛnanotam no mu.
16 “Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu. 17 Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adihɔ hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntweaa a dwetɛ sosɔ mu na nʼase no nso, wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinasoɔ pipiripie mu. 18 Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu. 19 Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ nkyɛnsee a wɔde nneɛma gu mu, ne mpɛɛwa a wɔde nkyɛnsee bɛsensɛn so wɔ ɔfasuo ho wɔ hɔ.
20 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da no. 21 Aaron ne ne mmammarima na wɔde nkanea a ɛnnum da no bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛrennum. Yei yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di so daa.
<- 2 Mose (Ɛksodɔs) 262 Mose (Ɛksodɔs) 28 ->