3 Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛdi ne nyinaa so.” 4 Mose twerɛɛ Awurade mmara no nyinaa guu hɔ.
8 Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankyee no mu no petee nnipa no so kaa sɛ, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade apam ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”
9 Afei Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔɔ bepɔ no so. 10 Wɔhunuu Israel Onyankopɔn. Na ne nan ntiasoɔ hyerɛn te sɛ aboɔdemmoɔ a ne hyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn. 11 Ɛwom sɛ mpanimfoɔ no hunuu Onyankopɔn deɛ, nanso wansɛe wɔn. Nokorɛm, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.
12 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ so ha na tena ha kɔsi sɛ mede mmaransɛm a matwerɛ agu ɛboɔ so no bɛma wo, na wonam so akyerɛkyerɛ nnipa no.”
13 Enti, Mose ne ne ɔboafoɔ Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔ no so. 14 Ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Montena ha ntwɛn yɛn kɔsi sɛ yɛbɛba. Merekɔ yi, sɛ asɛm bi kyere mo so a, monka nkyerɛ Aaron ne Hur.”
15 Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu. 16 Na Awurade animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu. 17 Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ. 18 Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan.
<- 2 Mose (Ɛksodɔs) 232 Mose (Ɛksodɔs) 25 ->