7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn. 8 Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ,
14 Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn. 15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu. 16 Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.
20 Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho. 21 Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ. 22 Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho. 23 Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ, 24 na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu.
25 Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu. 26 Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so. 27 Mma ɔbonsam kwan. 28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.
29 Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ. 30 Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ. 31 Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu. 32 Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.
<- Efesofoɔ 3Efesofoɔ 5 ->