14 Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ no so de asomdwoeɛ aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu ɔfasuo a na ɛtwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfoɔ no. 15 Ɔnam ne onipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ baako na ɔde asomdwoeɛ aba. 16 Ɔnam asɛnnua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abom ayɛ onipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam. 17 Enti, Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa. 18 Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.
19 Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no yɛ nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu, 20 na wɔato mo asi asomafoɔ no ne adiyifoɔ no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatiboɔ no so. 21 Ɔno na ɔma ɛdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu. 22 Ne mu na wɔresiesie mo na mo abɔ mu abɛyɛ efie a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.
<- Efesofoɔ 1Efesofoɔ 3 ->