5 Enti Mose, Awurade ɔsomfoɔ wuu wɔ Moab asase so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no. 6 Wɔsiee no wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn Bet-Peor nanso ɛbɛsi ɛnnɛ, obiara nnim beaeɛ ko pɔtee. 7 Mose dii mfirinhyia ɔha ne aduonu, na ɔwuiɛ nanso na nʼani hunu adeɛ yie na ne ho nso yɛ den. 8 Israelfoɔ suu no nnafua aduasa de wiee nʼayie wɔ Moab tata so.
9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom ɛfiri sɛ, Mose de ne nsa guu ne so. Enti, Israelfoɔ yɛɛ ɔsetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.
10 Mose akyi no, odiyifoɔ biara mmaeɛ a Awurade nim no animu ne animu. 11 Awurade somaa Mose ma ɔkɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao, nʼasomfoɔ ne asase no nyinaa. 12 Na ɛnam Mose so na Awurade daa ne tumi kɛseɛ ne ahodwirie nneyɛɛ adi kyerɛɛ Israel nyinaa.
<- 5 Mose (Deuteronomium) 33