7 Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no Israelfoɔ no nyinaa anim sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn. 8 Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo, enti nsuro na mma wʼakoma ntu!”
15 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ fadum omununkum mu wɔ ntomadan kronkron no aboboano. 16 Awurade ka kyerɛɛ Mose “Ɛrenkyɛre, wobɛwu na woakɔka wʼagyanom ho. Wo wuo akyi no, saa nnipa yi bɛfiti aseɛ asom anyame ahɔhoɔ, anyame a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no. Wɔbɛpa me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no so. 17 Ɛba saa a, mʼabufuo bɛdɛre atia wɔn. Mɛpa wɔn, na mede mʼanim asie wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den bɛba wɔn so ama wɔaka sɛ, ‘Saa ɔhaw yi twa sɛ ɛba, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio.’ 18 Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti.
19 “Afei, montwerɛ saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfoɔ no, na wɔnto sɛdeɛ ɛbɛyɛ adansedeɛ ama me, na mede atia wɔn. 20 Mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wɔdidi mee yɛ akɛseɛ a, afei, wɔbɛdane wɔn ani akɔsom anyame afoforɔ apo me, na wɔnam so abu mʼapam no so. 21 Afei, ɔhaw ne akwansideɛ bebree ba wɔn so a, ɛdwom yi bɛtia wɔn, ɛfiri sɛ, wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Menim deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa koraa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.” 22 Enti, Mose twerɛɛ dwom no guu hɔ saa ɛda no, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ no.
23 Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wo na wode Israelfoɔ bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so, na mʼankasa mɛka mo ho.”
24 Ɛberɛ a Mose twerɛɛ mmaransɛm no nyinaa guu nwoma mu wieeɛ no, 25 ɔde saa ɔhyɛ nsɛm yi maa Lewifoɔ a wɔsoaa Awurade apam adaka no: 26 “Momfa saa Mmara Nwoma yi nkɔto Awurade, mo Onyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansedeɛ a ɛtia Israelfoɔ. 27 Ɛfiri sɛ, menim sɛdeɛ moyɛ atuatefoɔ ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moate Awurade so atua. Na me wuo akyi no, atua bɛn na morente! 28 Momfrɛ mo mpanimfoɔ nyinaa ne mo mmusuakuo ntuanofoɔ nyinaa sɛdeɛ mɛtumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanseɛ atia wɔn. 29 Menim sɛ me wuo akyi, mobɛsɛe koraa na moapae afiri ɛkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmerɛ a ɛreba no mu, amanehunu bɛba mo so, ɛfiri sɛ, monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so bɛhyɛ no abufuhyeɛ.”