3 Monnni akyiwadeɛ biara. 4 Yeinom ne mmoa a ɛsɛ sɛ mowe: nantwie, odwan, abirekyie 5 ɔforoteɛ, adowa, ɔwansane, eyuo, ɔtwe, ɛkoɔ ne abereɛ. 6 Na monni atɔteboa biara a ne tɔte mu apae mmienu na ɔpu wesa. 7 Nanso, ntɔteboa a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apae mmienu koraa mu no, monnwe yoma, adanko ne atwaboa, ɛfiri sɛ, wɔpu wesa deɛ, nanso wɔn tɔte mu mpaeɛ; wɔn ho nte mma mo. 8 Ɔprako nso ho nte. Ɛwom sɛ ne tɔte mu apae deɛ, nanso ɔmpu nwesa. Ɛnsɛ sɛ mowe ne nam anaa mode mo nsa sɔ ne funu mu koraa.
9 Nsuomnam a wɔwɔ tɛtɛ ne abon nyinaa motumi we. 10 Nanso, nsuomnam a wɔnni tɛtɛ ne abon deɛ, monnwe. Wɔn ho nte mma mo.
11 Anomaa biara a ne ho te no, monwe. 12 Nnomaa a ɛnsɛ sɛ mowe nie: ɔkɔdeɛ, opete, asuo so ɔkɔdeɛ, 13 ɔkompete, nkorɔma ahodoɔ nyinaa 14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa, 15 sohori, anadwo akorɔma, ɛpo so asomfena ne akorɔma ahodoɔ nyinaa, 16 ɔpatuo, ɔpatukɛseɛ, bakanoma 17 nantwinoma, opete ne ɛpo so anene, 18 ne asukɔnkɔn ahodoɔ nyinaa, asɔkwaa ne apan.
19 Ntuboa a wɔnante nyinaa ho nnte mma mo; monnwe. 20 Nanso ntuboa a wɔn ho te nyinaa deɛ, monwe.
21 Monnwe aboa bi a ɔno ankasa awuo. Momfa ma ɔhɔhoɔ a ɔne mo te, anaasɛ montɔn ma ɔnanani. Na mo ankasa deɛ, monnwe, ɛfiri sɛ, wɔayi mo asi nkyɛn sɛ ɔman kronkron ama Awurade, mo Onyankopɔn.
28 Mfeɛ mmiɛnsa biara awieeɛ no, momfa mo mfudeɛ ntotosoɔ dudu no mmra mmɛkora no wɔ kuro a ɛbɛn mu. 29 Momfa mma Lewifoɔ a wɔnni kyɛfa wɔ mo mu no ne ananafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so no, nwisiaa ne akunafoɔ a wɔwɔ mo nkuro so sɛdeɛ wɔbɛtumi adidi amee. Na Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nnwuma nyinaa so.
<- 5 Mose (Deuteronomium) 135 Mose (Deuteronomium) 15 ->