1 Awuranom, momma mo asomfoɔ deɛ ɛtene. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.
2 Mommɔ mpaeɛ daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaeɛbɔ mu na monna Onyankopɔn ase. 3 Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no. 4 Mommɔ mpaeɛ na matumi akasa ama nteaseɛ aba mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa. 5 Ɛberɛ biara a mobɛnya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyedifoɔ no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu. 6 Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuaeɛ pa.
11 Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ agyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie.
12 Kristo Yesu ɔsomfoɔ a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuo mu no nso kyea mo. Daa ɔbɔ mpaeɛ denden srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛdeɛ. 13 Mɛtumi adi ne nsiyɛ ho adanseɛ akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
14 Luka a ɔyɛ yɛn yaresafoɔ pa no ne Dema kyea mo.
15 Yɛkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wɔhyia wɔ ne fie no.