12 Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm enti na ɔyii mo sɛ ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ. 13 Mommoaboa mo ho mo ho, na obi fom ne yɔnko a, momfa nkyekyɛ mo ho. Sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, saa ara na mo nso momfa nkyekyɛ mo ho mo ho. 14 Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
15 Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo akoma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo onipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛyie. 16 Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn. 17 Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
19 Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.
20 Mma, adeɛ nyinaa mu, montie mo awofoɔ asɛm na yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
21 Agyanom, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu.
22 Asomfoɔ, adeɛ nyinaa mu, montie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo enti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom, ɛsiane sɛ modi Awurade ni no enti, momfa akoma pa nyɛ. 23 Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa. 24 Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so adeɛ. Mo nsa bɛka adeɛ a ɔde asie ama ne nkurɔfoɔ no bi. Kristo ne owura a mosom no. 25 Na obiara a ɔyɛ deɛ ɛntene no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na ɔbɛnya a animhwɛ biara nni mu.
<- Kolosefoɔ 2Kolosefoɔ 4 ->