5 Saulo bisaa sɛ, “Ɛyɛ wo hwan, Owura?”
7 Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinaeɛ a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhunu obiara. 8 Afei, Saulo sɔre firii fam hɔ buee nʼani, nanso na ɔnhunu adeɛ. Enti, wɔkurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. 9 Nnansa a ɔdii wɔ Damasko no na ɔnhunu hwee. Na ɔnnidi na ɔnnom nso.
10 Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehunu mu sɛ, “Anania!”
11 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ Yuda efie a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kɔbisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no ase; ɔrebɔ mpaeɛ. 12 Anisoadehunu mu, ɔhunuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsane ahunu adeɛ.”
13 Anania buaa sɛ, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ha a ɔha wʼakyidifoɔ wɔ Yerusalem no. 14 Wakɔ asɔfoɔ mpanin nkyɛn akɔgye adansedie krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”
15 Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ, “Kɔ! Ɛfiri sɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufoɔ ne ahemfo ne Israelfoɔ nyinaa ate me din. 16 Na mɛkyerɛ no amaneɛ a ɛsiane me din enti ɔbɛhunu.”
17 Afei, Anania kɔɔ efie hɔ de ne nsa guu Saulo so kaa sɛ, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wo ɛkwan so ɛberɛ a woreba no asoma me sɛ, memmɛbue wʼani na hunu adeɛ, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” 18 Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon firii nʼani so na ɔhunuu adeɛ. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19 Ɔnyaa aduane bi di meeɛ no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafoɔ a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.
23 Nna bi akyi no, Yudafoɔ no bɔɔ Saulo ho pɔ sɛ wɔbɛkum no, 24 nanso Saulo tee pɔ a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛ no wɔ kuro no apono ano awia ne anadwo apɛ no akum no. 25 Anadwo bi Saulo akyidifoɔ de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasuo so gyaa no sii fam.
31 Afei, asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timiiɛ. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.
36 Na ɔbaa ogyedini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛaseɛ ne Dorka a aseɛ ne ɔwansane. Saa ɔbaa yi de nʼadagyeɛ nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafoɔ. 37 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu na yadeɛ bɔɔ no maa ɔwuiɛ. Wɔdwaree no[a] de no kɔtoo abansoro dan[b] bi mu. 38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no enti, asuafoɔ a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.
39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔeɛ. Ɔduruu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa bɛgyinagyinaa Petro ho suiɛ de ntadeɛ ne ntoma a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no.
40 Petro maa wɔn nyinaa firii adi. Afei, ɔbuu nkotodwe, bɔɔ mpaeɛ danee nʼani kyerɛɛ amu no kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Tabita tee nʼani na ɔhunuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41 Petro sɔɔ ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei, Petro frɛɛ agyidifoɔ no ne akunafoɔ no nyinaa de no maa wɔn. 42 Saa asɛm yi trɛɛ wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade diiɛ. 43 Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro no nkyɛn wɔ Yopa kyɛree kakra.
<- Asomafoɔ 8Asomafoɔ 10 ->