14 Ɛberɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. 15 Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa agyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so, 16 ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so. 17 Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.
18 Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, 19 “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”
20 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri sɛ, wosusu sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no. 21 Wonni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, wʼakoma mu nte wɔ Onyankopɔn anim. 22 Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. 23 Mehunu sɛ anibereɛ bɔne ahyɛ wʼakoma mu ama bɔne afa wo dommum.”
24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane sɛ, “Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”
25 Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.
30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?”
31 Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
32 Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi,
34 Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?” 35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.
36 Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?” 37 Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ wofiri wʼakoma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no sɛ, “Megye di. Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.” 38 Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu. 39 Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so. 40 Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea.
<- Asomafoɔ 7Asomafoɔ 9 ->- a Dabeni: Obi a ɔhwɛ ɔhene anaa ɔhemmaa daberɛ ne nʼahodeɛ so