5 Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafoɔ no de baeɛ no so. Enti, wɔyii Stefano a na gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a na ɔwɔ Yudasom no mu. 6 Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafoɔ no maa wɔbɔɔ mpaeɛ de wɔn nsa guu wɔn so.
7 Nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔn mu dodoɔ no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafoɔ no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no diiɛ.
11 Ɛno enti wɔka hyɛɛ nkurɔfoɔ bi ano sɛ, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”
12 Wɔnam saa ɛkwan yi so maa nnipa no ne mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ badwafoɔ anim. 13 Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no. 14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka sɛ, saa Yesu Nasareni no bɛdwiri yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanneɛ a Mose de maa yɛn no!”
15 Nnipa a na wɔte badwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wɔhunuiɛ sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ anim.
<- Asomafoɔ 5Asomafoɔ 7 ->