3 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa ɔkɔsraa ne nnamfo maa wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no no. 4 Esiane sɛ yɛtuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. 5 Yɛnam ɛpo so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia kɔduruu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. 6 Ɛhɔ na asraafoɔ panin no hunuu ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria rekɔ Italia. Enti, ɔde yɛn kɔtenaa mu. 7 Ɛhyɛn no kɔɔ brɛoo maa yɛdii nna wɔ ɛpo no so. Yɛbrɛeɛ ansa na yɛreduru Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no enti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. 8 Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kɔsii sɛ yɛde ɔbrɛ bɛduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinaeɛ a ɛbɛn kuro Lasea.
9 Esiane sɛ na afe no rekɔ nʼawieeɛ na saa ɛberɛ no nso ɛpo no so fa yɛ hu no enti, yɛtenaa hɔ kyɛreeɛ. Paulo tuu wɔn fo sɛ, 10 “Anuanom, mehunu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantuo yi so a, yɛbɛhunu amane ama ebia ɛhyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.” 11 Nanso, asraafoɔ panin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom ɔtiee nsɛm a hyɛnkafoɔ no ne ɛhyɛn no wura kaeɛ no. 12 Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nyɛ mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔberɛ mu no enti, nnipa no bebree pɛɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, anka ɛhyɛn no bɛtu afiri hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafoɔ ntam wɔ Atɔeɛ fam. Ɛyɛ baabi a wɔbɛtumi atena hɔ awɔberɛ mu.
33 Adeɛ reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnnidi. Deɛ ɔkae ne sɛ, “Nnawɔtwe mmienu ni, mo mu biara mfaa aduane nkaa nʼano. 34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.” 35 Paulo kasa wieeɛ no, ɔfaa burodo bɔɔ mpaeɛ, daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na ɔbuu bi diiɛ. 36 Amonom hɔ ara, wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wɔhyɛɛ aseɛ didiiɛ. 37 Nnipa a na yɛwɔ ɛhyɛn no mu no dodoɔ yɛ ahanu ne aduɔson nsia. 38 Obiara didi meeɛ no, ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ no too aburoo a ɛwɔ ɛhyɛn no mu no guu ɛpo no mu ma ɛhyɛn no mu yɛɛ hare.
39 Adeɛ kyeeɛ no, hyɛn no mu adwumayɛfoɔ no anhunu sɛ wɔaduru mpoano. Wɔhunuu baabi a ɛpo no adidi akɔ asase no mu a nsuo taa hɔ. Enti, wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔtim. 40 Ɛno enti, wɔtwitwaa hyɛn no asɛkyɛ nhoma no mu maa asɛkyɛ no guu ɛpo mu. Afei, wɔsanesanee ahoma a ɛkura akyerɛkyerɛkwan no mu na afei wɔsii ntoma a ɛwɔ ɛhyɛn no anim no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mframa bɛtumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. 41 Nanso, ɛhyɛn no kɔpem anweatam bi ma ɛtimiiɛ. Ɛhyɛn no anim timii dendeenden ɛnna nʼakyi no nso, asorɔkye a na ɛrebɔ no no ma ɛbubuiɛ.
42 Asraafoɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkunkum nneduafoɔ no[a] nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara rennya ɛkwan nnwane. 43 Nanso, ɛsiane sɛ na asraafoɔ panin no pɛ sɛ ɔgye Paulo nkwa no enti, wamma wɔn ho ɛkwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wɔbɛtumi adware no ahyɛaseɛ nnware nkɔ mpoano. 44 Wɔn a aka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasini a abubu firi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɛkwan yi so na yɛnam bɛduruu mpoano nohoa dwoodwoo.
<- Asomafoɔ 26Asomafoɔ 28 ->- a Sɛ ɔdeduani bi dwane a wɔde ne sohwɛfoɔ no nkwa si nʼanan mu. Enti na asraafoɔ no nnyaagyaa wɔn ho na amma ɔdeduani bi annwane.