6 Festo dii bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu ansa na ɔresane aba Kaesarea. Ɔbɛduruu adekyeeɛ no, ɔtenaa adwa mu dii Paulo asɛm. 7 Ɛberɛ a Paulo bɛduruu asɛnniiɛ hɔ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem no twaa ne ho hyiaeɛ firii aseɛ kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ too ne so.
8 Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menni biribiara ho fɔ, ɛfiri sɛ, menkasa ntiaa Yudafoɔ mmara; menguu asɔredan ho fi, ɛnna menkasa ntiaa Roma aban nso.”
9 Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani enti, ɔbisaa Paulo sɛ, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kɔdi wʼasɛm wɔ hɔ anaa?”
10 Paulo buaa sɛ, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asɛnniiɛ na megyina enti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wɔdi mʼasɛm, bu me atɛn, ɛfiri sɛ menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara sɛdeɛ wo ara wonim no. 11 Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔbu me kumfɔ a, mensuro. Nanso, sɛ nsɛm a saa Yudafoɔ yi ka tia me no nyɛ nokorɛ a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Medwane metoa Ɔhempɔn Kaesare.”
12 Festo ne ne mpanimfoɔ tuu agyina wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Esiane sɛ woadwane atoa Ɔhempɔn Kaesare no enti, yɛde wo bɛkɔ nʼanim.”
16 “Nanso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, Roma mmara mma ho kwan sɛ wɔbu obi fɔ ɛberɛ a wɔnnii nʼasɛm; wɔma no ho kwan na ɔyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. 17 Wɔbaeɛ no mansɛe berɛ koraa na adeɛ kyeeɛ no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na menni nʼasɛm. 18 Nanso, wɔanka nsɛm a mesusuiɛ no mu biara anto ne so. 19 Nsɛm a wɔkaeɛ no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a ɔwuiɛ nanso Paulo ka sɛ ɔte ase no ho. 20 Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene no enti, mebisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mekɔdi nʼasɛm wɔ Yerusalem anaa? 21 Nanso, Paulo dwane toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesane maa wɔde no kɔtoo afiase kɔsi ɛberɛ a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.”
22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Mepɛ sɛ mʼankasa metie nʼano asɛm.”