2 Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa.
6 “Owigyinaeɛ a mereyɛ maduru Damasko no, prɛko pɛ, hann bi twa faa me ho. 7 Metwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me?’
8 “Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’
10 “Mebisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade?’
12 “Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a ɔdi Mose mmara so a na Yudafoɔ nyinaa di no ni no te Damasko hɔ. 13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Onua Saulo, hunu adeɛ bio!’
14 “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛn nananom Onyankopɔn ayi wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛdeɛ na woahunu ɔteneneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo. 15 Wobɛdi adanseɛ afa biribiara a woahunu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. 16 Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’
19 “Mekaa sɛ, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafoɔ, boroo wɔn. 20 Saa ara nso na ɛberɛ a wɔkumm wo danseni Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifoɔ no ntoma so.’
21 “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ, ɛfiri sɛ, mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufoɔ nkyɛn!’ ”
22 Ɛberɛ a Paulo kaa sɛ wɔasoma no amanamanmufoɔ nkyɛn pɛ, ɛdɔm no hyɛɛ aseɛ teateaam denden sɛ, “Monkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena ewiase!”
23 Nnipa no kɔɔ so teateaam, hugyaa wɔn ntoma, saa mfuturo, to petee ewiem. 24 Roma safohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu, nkɔbɔ no mmaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka deɛ enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wɔtie nʼasɛm no. 25 Ɛberɛ a wɔkyekyeree no wieeɛ a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panin a na ɔgyina hɔ no sɛ, “Mowɔ ho ɛkwan sɛ mobɔ Romani a wɔnnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa anaa?”
26 Ɛberɛ a ɔsraani panin no tee saa asɛm yi no, ɔkɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!”
27 Afei, ɔsafohene no kɔɔ Paulo nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woyɛ Romani anaa?”
28 Ɔsafohene no kaa sɛ, “Metuaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma manbayɛ.”
29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebɛbisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho firii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, ɔsuroeɛ sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.