7 Yɛfiri Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantuo no so faa nsuo ani kɔduruu Ptolemai. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔkyeaa asuafoɔ a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro. 8 Adeɛ kyeeɛ no, yɛfirii hɔ kɔɔ Kaesarea. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔɔ ɔsɛmpakafoɔ Filipo a na ɔka mmarima baason a wɔyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fie kɔtenaa ne nkyɛn. 9 Na Filipo wɔ mma mmaabunu baanan bi a na wɔhyɛ nkɔm.
10 Yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifoɔ bi a wɔfrɛ no Agabo firi Yudea baa hɔ. 11 Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔsoɔ de kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛdeɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no na wɔde no ahyɛ amanamanmufoɔ no nsa ni!’ ”
12 Yɛtee saa asɛm yi no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. 13 Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Osu a moresu de hyɛ me awerɛhoɔ yi ase ne sɛn? Me de masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na mesuro, na sɛ ɛtwa sɛ mewu mema Awurade Yesu a, mɛwu.” 14 Yɛkaeɛ kaeɛ a wampene no, yɛgyae kaa sɛ, “Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.”
15 Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho firii hɔ kɔɔ Yerusalem. 16 Kaesarea asuafoɔ no bi ne yɛn kɔeɛ. Yɛduruu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ɔfiri Kipro a ɔgyee Yesu Kristo diiɛ akyɛre no fie.
20 Wɔtiee Paulo amanneɛbɔ no wieeɛ no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Afei, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Onua, wʼankasa wodi adanseɛ sɛ Yudafoɔ mpempem na na wɔabɛyɛ asuafoɔ a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. 21 Saa nnipa yi ate sɛ wotia Mose mmara no ne Yudafoɔ amanneɛ; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔte amanamanmufoɔ no mu sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia na wɔnnni yɛn amanneɛ nso so. 22 Deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti, afei yɛbɛyɛ no ɛdeɛn? 23 Yɛ deɛ yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔresiesie wɔn ho ama amanneɛ ho bɔhyɛ. 24 Wo ne wɔn nkɔ na monkɔdwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwitwa wɔn tirinwi. Yei bɛma obiara ahunu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ, wʼankasa mpo, wodi Mose mmara no so. 25 Amanamanmufoɔ a wɔabɛyɛ asuafoɔ no de, yɛatwerɛ akɔma wɔn akyerɛ gyinaeɛ a yɛasi sɛ, wɔnnni aduane biara a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom; wɔnnni mogya; wɔnnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na ɔwuiɛ; na afei nso, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho.”
26 Adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne mmarima no kɔdwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wɔbɛwie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama wɔn mmaako mmaako.
30 Wɔtee saa asɛm yi no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi, kɔkyeree Paulo, twee no firii asɔredan no mu hɔ. Ɛhɔ ara, wɔtotoo asɔredan no apono no nyinaa mu. 31 Ɛberɛ a ɛdɔm no pɛɛ sɛ wɔkum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafoɔ apem so safohene no sɛ, basabasa asi Yerusalem. 32 Amonom hɔ ara, ɔsafohene no ne asraafoɔ mpanin bi ne asraafoɔ bi de ahoɔherɛ kɔɔ baabi a dɔm no ahyia no. Ɛberɛ a nnipa no hunuu no ne asraafoɔ no no, wɔgyaee Paulo hweɛ.
33 Ɔsafohene no kɔsɔɔ Paulo mu, kyerɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no. Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?” 34 Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkorɔ; ebinom ka sei a, na afoforɔ nso aka sei. Saa basabasa yi amma ɔsafohene no antumi anhunu asɛm pɔtee a asi. Ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. 35 Wɔde Paulo duruu atwedeɛ no ano no, ɛdɔm no bɔ toaa no enti asraafoɔ no tam no kɔeɛ. 36 Ɛdɔm no tu dii wɔn akyi teateaam sɛ, “Monkum no!”
39 Paulo buaa no sɛ, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kuro a agye din no mu onipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho ɛkwan na me ne nnipa no nkasa.”
40 Ɔsafohene no maa Paulo ɛkwan ma ɔgyinaa atwedeɛ no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu sɛ:
<- Asomafoɔ 20Asomafoɔ 22 ->