17 Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no. 18 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ. 19 Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade ɔsomfoɔ. 20 Monim sɛ ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo. 21 Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.
22 “Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. 23 Deɛ menim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane. 24 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo.
25 “Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio. 26 Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me. 27 Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo. 28 Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. 29 Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo. 30 Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi. 31 Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirinhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo.
32 “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa. 33 Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma. 34 Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. 35 Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’ ”
36 Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. 37 Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie. 38 Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.
<- Asomafoɔ 19Asomafoɔ 21 ->