5 Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem. 6 Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. 7 Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa? 8 Na adɛn enti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ 9 Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, 10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu, 11 ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?” 12 Wɔde ahodwirie bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?”
13 Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛ sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsã.”
22 “Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu. 23 Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no. 24 Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.” 25 Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,
29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 30 Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31 Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’ 32 Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ. 33 Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi. 34 Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ,
36 “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”
37 Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
38 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39 Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.” 41 Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.
- a Twam Afahyɛ homeda no akyi nnafua aduonum (3 Mose 23.15-16).
- b Asuafoɔ dodoɔ a deɛ asi dada enti yɛka wɔn ho asɛm ne dubaako no (ne Matia) nanso dodoɔ yi, wɔn a wɔbɔ wɔn din nyinaa wɔ 1.13-15.
- c Ɛnyɛ abansoro dan a wɔte mu no (1.13) na mmom hyiadan no ho baabi. Ɛfiri sɛ ɛberɛ biara a wɔabue hyiadan no, na asuafoɔ no wɔ hɔ.