5 Ɛberɛ a Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nʼadagyeɛ nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu ne Agyenkwa no. 6 Ɛberɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyɛɛ no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri ɛnnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufoɔ.”
7 Ɔfirii hɔ kɔtenaa aman amanmuni Nyamesomfoɔ bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn. 8 Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panin no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofoɔ bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu.
9 Ɛda bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no, 10 ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ.” 11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.
12 Ɛberɛ a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafoɔ no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asɛnniiɛ, 13 kaa sɛ, “Saa onipa yi retu nkurɔfoɔ aso sɛ wɔnkwati Yudafoɔ mmara no mfa ɛkwan foforɔ so nsom Onyankopɔn.”
14 Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Yudafoɔ, sɛ mode asɛm foforɔ bi a ɛfa nsɛmmɔnedie anaa abususɛm ho na ɛbaeɛ a, anka mɛhwɛ maka. 15 Nanso, ɛsiane sɛ ɛyɛ akyinnyegyeɛ a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho enti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtemmufoɔ.” 16 Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ. 17 Afei, ɛdɔm no to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, twee no kɔɔ asɛnniiɛ hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee.
23 Ɔdii nna kakra wɔ hɔ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no den.
27 Ɛberɛ a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifoɔ a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, twerɛɛ krataa kɔmaa agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnnye no. Ɛberɛ a ɔkɔduruiɛ no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom enti, wɔabɛyɛ agyidifoɔ no yie. 28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafoɔ no guu wɔ badwam, nam Atwerɛsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no.
<- Asomafoɔ 17Asomafoɔ 19 ->- a Ɛwɔ Misraim. Ɛhɔ na wɔkyerɛɛ Apam Dada ase kɔɔ Hela kasa mu. Ɛno ne kuropɔn a ɛtɔ so mmienu wɔ Roma Ahemman mu a na Yudafoɔ dɔɔso wɔ hɔ.