13 Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafoɔ taa hyia wɔ hɔ bɔ mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa hɔ no Atwerɛsɛm no. 14 Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ. 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ.
19 Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu sɛ deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim wɔ adwabɔeɛ. 20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani. 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane sɛ yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan sɛ yɛgye tom.”
22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane. 24 Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.
25 Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no, 26 prɛko pɛ, asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ. 27 Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.[a] 28 Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”
29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim. 30 Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn sɛ, “Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?”
31 Wɔbuaa sɛ, “Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa.” 32 Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa. 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu. 34 Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri sɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.
37 Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no sɛ, “Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn.”
38 Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu. 40 Paulo ne Silas firii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii hɔ kɔeɛ.
<- Asomafoɔ 15Asomafoɔ 17 ->- a Sɛ ɔdeduani bi dwane a, wɔde ne sohwɛfoɔ si nʼanan mu (12.19). Sɛ sohwɛfoɔ no kum ne ho, a na aniwuo ne adwendwene biara to atwa.