11 Nnipa no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam wɔ Likaonia kasa mu sɛ, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12 Yei enti wɔfrɛɛ Barnaba Seus ɛnna wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,[a] ɛfiri sɛ, ɔno na na ɔka asɛm no. 13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no ɔsɔfoɔ de nantwie ne nhwiren baa kuro no ɛpono ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma asomafoɔ no.
14 Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo tee afɔdeɛ a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuo sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuo no mu teateaam sɛ, 15 “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu. 16 Ɛberɛ bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan maa wɔyɛɛ deɛ wɔpɛ. 17 Nanso, Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanseɛ. Mmerɛ a ɛsɛ mu no, ɔma osuo tɔ, ma nnɔbaeɛ ba; ɔma mo aduane di, ma monya ahotɔ.” 18 Nanso, saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn.
19 Yudafoɔ bi firi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wɔsii Paulo aboɔ, twee no firii kuro no mu; na wɔsusu sɛ wawu. 20 Nanso, ɛberɛ a agyidifoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre sane kɔɔ kuro no mu. Adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.
26 Wɔfiri Atalia no, wɔsane baa Antiokia a ɛhɔ na ɛberɛ a na wɔrebɛfiri saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade adom nsa no. 27 Ɛberɛ a wɔduruu Antiokia no, wɔhyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn abue ɛkwan ama amanamanmufoɔ agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28 Paulo ne Barnaba tenaa agyidifoɔ no nkyɛn kyɛreeɛ.
<- Asomafoɔ 13Asomafoɔ 15 ->- a Na Seus yɛ Listra abosom mu panin a ɛhɔ na na nʼabosonnan wɔ. Wɔn a na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ma Seus no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde ayɛyɛdeɛ bɛma Paulo ne Barnaba mmom. Deɛ enti a wɔfaa Barnaba sɛ Seus ne sɛ na ɔwɔ animuonyam. Wɔfaa Paulo sɛ onyame Hermes ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔkyeame (28.6).