4 Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ sɛ, 5 “Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho. 6 Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa. 7 Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’
8 “Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’
9 “Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’ 10 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.
11 “Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu. 12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie. 13 Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. 14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’
15 “Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. 16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no. 17 Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.”
18 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”
22 Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu enti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. 23 Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso. 24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie enti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.
25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. 26 Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Akristofoɔ.”
27 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia. 28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɛkɔm yi sii ɛberɛ a na Klaudio di adeɛ no. 29 Asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30 Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ.
<- Asomafoɔ 10Asomafoɔ 12 ->