4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?”
7 Ɔbɔfoɔ no kasa kyerɛɛ no wieeɛ a ɔkɔeɛ no, Kornelio frɛɛ nʼasomfoɔ baanu, sane frɛɛ nʼasraafoɔ no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho, 8 kaa biribiara a wahunu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa.
9 Adeɛ kyeeɛ a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a wɔrebɛn kuro no no, Petro kɔɔ ɛdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpaeɛ. 10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm dee no; na wɔgu so reyɛ aduane ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeɛso mu. 11 Ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan firi ɔsoro resiane ba fam. 12 Na ntɔteboa ahodoɔ ne mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa ahyɛ saa ntoma no ma. 13 Afei, nne bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, sɔre na kum bi we!”
14 Petro buaa sɛ, “Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da.”
15 Nne no ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.”
16 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa. Afei, ntoma no sane kɔɔ soro.
17 Saa ɛberɛ a na Petro redwennwene anisoadehunu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduruu Petro aboboano. 18 Wɔfrɛ bisaeɛ sɛ, “Saa efie yi mu na Simon Petro te no anaa?”
19 Petro gu so redwennwene anisoadehunu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20 Siane si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, ɛfiri sɛ, me na masoma wɔn.”
21 Petro siane kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amaneɛ?”
22 Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛfiri asraafoɔ panin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔteneneeni ne Onyamesuroni a Yudafoɔ nyinaa bu no. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fie na ɔntie asɛm bi mfiri wo nkyɛn.” 23 Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ.
27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree. 28 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte. 29 Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”
30 Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim. 31 Ɔkaa sɛ, ‘Kornelio, wo mpaeɛbɔ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. 32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn’. 33 Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ sɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”
39 “Yɛyɛ dwuma a ɔdii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefoɔ. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, kumm no. 40 Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi. 41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee. 42 Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ sɛ, ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. 43 Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.”