6 Wɔn mu bi kɔ afie mu kɔhyɛ mmaa a wɔn bɔne ama wɔdi fɔ na akɔnnɔ ahodoɔ bebree hyɛ wɔn so no so; 7 saa mmaa no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsua nneɛma foforɔ, nanso wɔnhunu nokorɛ no akyiri kwan. 8 Sɛdeɛ Yane ne Yambre ne Mose dii asie no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokorɛ di asie, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnnka hwee wɔ gyidie mu. 9 Wɔnnya nkɔsoɔ biara ɛfiri sɛ, obiara bɛhu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ.
10 Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botaeɛ so. Woahunu gyidie a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ, 11 taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wonim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa denden a metumi gyinaa ano no. Nanso, Awurade yii me firii ne nyinaa mu. 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn, 13 nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforɔ ne wɔn ankasa wɔn ho. 14 Nanso, wo deɛ, kɔ so tena ase nokorɛ mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yie. Wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn, 15 na wokae nso sɛ ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie wɔ Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa. 16 Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn, 17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.
<- 2 Timoteo 22 Timoteo 4 ->