5 Monkae sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo. 6 Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba. 7 Ɔbɔnefoɔ no di ne dwuma dada na deɛ ɛbɛba no remma da gye sɛ wɔayi deɛ ɔkura ne mu no afiri hɔ. 8 Ɛno ansa na ɔbɔnefoɔ no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so bɛtu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu animuonyam asɛe no. 9 Ɔbɔnefoɔ no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ, 10 na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, ɛfiri sɛ, wɔannye nokorɛ no anto mu, annɔ nokorɛ no amma wɔannya nkwa. 11 Yei enti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ adi. 12 Awieeɛ no ara ne sɛ, wɔn a wɔnnye nokorɛ no nni na wɔn ani gye bɔne ho no, wɔbɛbu wɔn atɛn.
13 Anuanom, ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Ɛfiri sɛ, ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a modi ɛkan a wɔbɛgye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron wɔ mo gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ mu no mu. 14 Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛdeɛ mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanimuonyam no mu.
15 Enti, anuanom, monnyina pintinn na monka mo ho mmata nokorɛ a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nwoma no mu no.
16 Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidasoɔ pa no, 17 nkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.
<- 2 Tesalonikafoɔ 12 Tesalonikafoɔ 3 ->