Tesalonikafoɔ
5 Yeinom nyinaa di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn bu atɛntenenee ɛno enti, wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼAhennie a morehunu ho amane no mu. 6 Onyankopɔn bɛyɛ deɛ ɛtene. Wɔn a wɔbɛma mo ahunu amane no, ɔno nso bɛma wɔahunu amane, 7 na mo a mo ne yɛn rehunu amane no nso, wama moahome. Saa asɛm yi bɛsi wɔ ɛberɛ a Awurade Yesu nam ogyaframa mu firi ɔsoro reba a nʼabɔfoɔ atumfoɔ ka ne ho no, 8 abɛtwe wɔn a wɔnnim Onyankopɔn na wɔntie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso. 9 Wɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu na wɔayi wɔn afiri Awurade anim ne nʼanimuonyam mu 10 da a ɔbɛma nʼakyidifoɔ ne nʼasuafoɔ ahyɛ no animuonyam no. Mo nso, mobɛfra saa nkurɔfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.
11 Yei enti na daa yɛbɔ mpaeɛ ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi ntena ase mma asetena a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no. Ɔnnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛdeɛ ne biribiara a mo gyidie bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa. 12 Yɛbɔ mpaeɛ sɛdeɛ monam yɛn Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo animuonyam wɔ ne mu.
2 Tesalonikafoɔ 2 ->