3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.
4 Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan. 5 Ɔtenaa Hebron dii adeɛ wɔ Yuda so mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so ɔhene mfirinhyia aduasa mmiɛnsa.
8 Ɛberɛ a atɛnnidie nkra firi banbɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu duruu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kuro no mu, na monkɔsɛe Yebusifoɔ mpakye ne anifirafoɔ no, ɛfiri sɛ mekyiri wɔn! ‘Anifirafoɔ ne mpakye’ nnkɔ efie no mu” no abɔseɛ nie.
9 Enti, Dawid yɛɛ aban no nʼatenaeɛ, na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn. Ɔsisii banbɔdan bebree twaa kuro no ho kaa ho. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ Milo de baa mu. 10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade Onyankopɔn ka ne ho.
11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ka wɔn ho sɛ wɔnkɔsi ahemfie mma no. Huram de ntweneduro nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12 Na Dawid hunuu sɛ, ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ enti, Awurade asi no ɔhene, na wayɛ nʼahemman kɛseɛ.
13 Dawid tu firi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmaa bebree faa mpenafoɔ nso. Ɛno enti, ɔwoo mmammarima ne mmammaa bebree. 14 Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16 Elisama, Eliada ne Elifelet.
20 Enti, Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na ɔdii Filistifoɔ no so nkonim. Ɔkaa sɛ, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfoɔ no mu sɛ nsuyire a ɛreworo so!” Enti Dawid too beaeɛ hɔ din sɛ Baal-Perasim. 21 Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔeɛ.
22 Filistifoɔ no sane baa bio bɛhwetee wɔn ho mu wɔ Refaim bɔnhwa ho, 23 enti, Dawid bisaa Awurade deɛ ɔnyɛ. Awurade buaa sɛ, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na to hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. 24 Na sɛ wote nnyegyeeɛ te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, kɔtua wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekɔkunkum Filistifoɔ no.” 25 Enti, Dawid yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifoɔ no firi Geba de kɔsii Geser.
<- 2 Samuel 42 Samuel 6 ->