2 Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ɔfiri Yesreel ne Abigail a ɔfiri Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom, 3 ne ne mmarima ne wɔn fiefoɔ nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkuro so. 4 Afei, Yuda ntuanofoɔ kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no ɔhene wɔ Yuda abusuakuo so.
10 Ɛberɛ a Is-Boset dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduanan, na ɔdii adeɛ firi Mahanaim mfeɛ mmienu. Na Yuda abusuakuo no dii Dawid nokorɛ. 11 Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na ɔdii Yuda so ɔhene mfirinhyia nson ne fa.
15 Enti, wɔyii mmarima dumienu firii ekuo biara mu sɛ wɔnni wɔn ho ako. 16 Obiara sɔɔ ne tiafoɔ tirinwi mu, de nʼakofena wowɔɔ wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwuiɛ. Enti, wɔfrɛ atɔeɛ mu hɔ sɛ Akofena Afuo de bɛsi ɛnnɛ.
17 Afei, akodɔm mmienu no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awieeɛ no, na Dawid akodɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.
22 Bio, Abner teaam ka kyerɛɛ Asahel sɛ, “Firi ha kɔ! Sɛ mekum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”
23 Nanso, Asahel antie ara, enti Abner de ne pea no wɔɔ ne yafunu mu, maa pea no pue firii nʼakyi. Ɔbu hwee fam hɔ wuiɛ. Na obiara a ɔduruu atɔeɛ mu hɔ no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel sɛ ɔda hɔ.
24 Ɛberɛ a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Ɛberɛ a wɔduruu Amma bepɔ a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɛkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon ɛserɛ so no, na onwunu adwo. 25 Abner akodɔm a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu no boaa wɔn ho ano wɔ bepɔ no so yɛɛ krado maa ɔko.
26 Ɛhɔ na Abner teaam, ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa akofena so de ka yɛn ntam asɛm anaa? Monnhunu sɛ, saa ɛkwan no de nitan bɛto yɛn ntam? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnnyae wɔn nuanom Israelfoɔ akyidie?”
27 Na Yoab kaa sɛ, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na ɔnim deɛ ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.”
28 Enti, Yoab hyɛn ne totorobɛnto,[b] maa ne mmarima no gyaee Israel akodɔm no so taa.
29 Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nante kɔɔ Araba. Wɔtwaa Yordan bɔnhwa, toaa so kɔɔ Bitron, bɛduruu Mahanaim.
30 Na Yoab gyaee Abner akyidie, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wɔhunuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera. 31 Nanso, na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfoɔ no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no. 32 Wɔfaa Asahel siee no wɔ nʼagya ɔboda mu wɔ Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantee anadwo mu no nyinaa kɔduruu Hebron adekyeeɛ.
<- 2 Samuel 12 Samuel 3 ->