5 Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ yɛagye wo, ne wo mmammarima, ne wo mmammaa, ne wo yerenom, ne wo mpenafoɔ nkwa. Nanso, woreyɛ yei de gu yɛn anim ase te sɛ deɛ yɛayɛ bɔne bi. 6 Wodɔ wʼatamfoɔ, na wotan wʼadɔfoɔ. Woada no adi ɛnnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa. 7 Afei, firi kɔ seesei, na kɔma akodɔm no amo, na mebɔ Awurade din, ka ntam sɛ, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asene kane no.”
8 Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane kɔ wɔn afie mu. 9 Na Israel mmusuakuo no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnyeɛ. Na nnipa no reka sɛ, “Ɔhene no gyee yɛn firii atamfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ nsam, nanso Absalom taa no so, pamoo no firii ɔman no mu. 10 Na seesei Absalom a yɛsraa no sɛ ɔmmɛdi yɛn so ɔhene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsane mmra mmɛdi yɛn so.”
11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfoɔ Sadok ne Abiatar, ma wɔkɔbisaa Yuda mpanimfoɔ sɛ, “Adɛn enti na mo deɛ, mompɛ sɛ mode ɔhene ahennie bɛsane ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo nan ase. 12 Moyɛ mʼabusuafoɔ, mʼabusuakuo, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno enti, adɛn enti na motwa toɔ wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsane aba no mu?” 13 Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa sɛ, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.”
14 Afei, Amasa korɔkorɔɔ Yuda ntuanofoɔ nyinaa, ma wɔtiee no sɛ nnipa korɔ. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim sɛ, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.”
21 Na Seruia babarima Abisai kaa sɛ, “Simei sɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔdomee deɛ Awurade asra no no.”
22 Na Dawid bisaa sɛ, “Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ? Ɛnnɛ nnyɛ da a wɔkum obi. Ɛyɛ anigyeɛ da! Masane abɛdi ɔhene wɔ Israel so bio!” 23 Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei sɛ, “Wɔrenkum wo.”
26 Ɔbuaa sɛ, “Nana, me ɔsomfoɔ Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo enti, mekaa sɛ, ‘hyehyɛ mʼafunumu ma me, na mentena ne so, sɛdeɛ mɛtumi ne ɔhene akɔ.’ 27 Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; ne saa enti, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ. 28 Biribiara mfata me ne mʼabusuafoɔ sɛ owuo a ɛbɛfiri me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me animuonyam wɔ wɔn a wɔdidi wo ɛpono so no mu. Enti, tumi bɛn na mewɔ sɛ mebisa ɔhene deɛ mehwehwɛ?”
29 Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.”
30 Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛdɔɔ me so sɛ me wura ɔhene asane aba efie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.”
34 Nanso, Barsilai buaa ɔhene sɛ, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana? 35 Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduane ne nsã nyɛ me dɛ. Nnwontofoɔ nne so, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana. 36 Animuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana bɛtwa asuo no. 37 Ma wo ɔsomfoɔ nsane nʼakyi, sɛdeɛ mɛwu wɔ me ara me kurom faako a wɔsiee mʼawofoɔ. Na me babarima Kimham nie. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.”
38 Ɔhene no gye too mu kaa sɛ, “Ɛyɛ, Kimham ne me bɛkɔ, na deɛ anka mɛyɛ ama woɔ no, mɛyɛ ama no.”
39 Enti, nnipa no nyinaa ne ɔhene no twaa Yordan. Ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai sane nʼakyi kɔɔ ne kurom. 40 Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda akodɔm nyinaa ne Israel akodɔm no mu fa de ɔhene twaa asuo no.
42 Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn enti na mo bo afu saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduane anaa akyɛdeɛ biara nso.”
43 Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no sɛ, “Yɛwɔ mmusuakuo edu wɔ Israel na ɛno enti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa edu. Na adɛn enti na mobu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yɛdii ɛkan kaa sɛ, wɔmfa yɛn ɔhene nsane mmra?”