3 Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Na Mefiboset wɔ he?” Siba buaa sɛ, “Ɔkaa Yerusalem. Ɔkaa sɛ, ‘Ɛnnɛ, mɛsane agye me nana Saulo ahemman no.’ ”
4 Ɔhene no ka kyerɛɛ Siba sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, mede biribiara a ɛyɛ Mefiboset dea no mema wo.”
9 Ɛnna Seruia babarima Abisai bisaa ɔhene no sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔkraman funu yi tumi dome me wura, ɔhene? Ma menkɔ na menkɔtwa ne ti.”
10 Nanso, ɔhene no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mmammarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no sɛ, ɔnnome me a, me ne hwan a mɛtumi aka akyerɛ no sɛ ɔnnyae?”
11 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ sɛ, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri sɛ, Awurade na waka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ saa. 12 Ebia, Awurade bɛhunu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no ɛnnɛ yi no so ka.”
13 Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem. 14 Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ wɔ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome.
17 Na Absalom bisaa Husai sɛ, “Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
18 Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ, “Mewɔ ha ɛfiri sɛ meyɛ adwuma ma ɔbarima a Awurade ne Israel ayi no. 19 Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, hwan na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛdeɛ mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”
20 Ɛnna Absalom danee ne ho bisaa Ahitofel sɛ, “Ɛdeɛn bio na menyɛ?”
21 Ahitofel buaa no sɛ, “Kɔ na wo ne wʼagya mpenafoɔ no nna, ɛfiri sɛ, wagya wɔn hɔ sɛ wɔnhwɛ ahemfie hɔ. Ɛno bɛma Israel nyinaa ahunu sɛ, woabu no animtia a ɛboro nkabom so, na wɔde wɔn ho bɛma wo.” 22 Enti, wɔsii ntomadan wɔ ahemfie no atifi baabi a obiara bɛhunu, na Absalom kɔɔ ntomadan no mu, na ɔne nʼagya mpenafoɔ no daeɛ.
23 Absalom tiee Ahitofel afotuo sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a ɛfiri Ahitofel anom baeɛ no mu nyansa no, yɛɛ sɛdeɛ ɛfiri Onyankopɔn anom.
<- 2 Samuel 152 Samuel 17 ->