2 Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kɔsii sɛ ɛbɔɔ no yadeɛ. Na ɔyɛ ɔbaabunu enti, na Amnon susu sɛ ne dɔ no nkɔsi hwee.
3 Na Amnon wɔ adamfo oniferefoɔ bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima. 4 Ɛda koro bi, Yonadab bisaa Amnon sɛ, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no sɛ, “Medɔ Tamar, Absalom nuabaa no.”
5 Yonadab kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛkyerɛ wo deɛ wobɛyɛ. Sane kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛ deɛ woyare no. Sɛ wʼagya bɛhunu wo a, ka kyerɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduane bi mma wo nni. Ka kyerɛ no sɛ, sɛ ɔno brɛ wo aduane di a, wo ho bɛtɔ wo.”
6 Enti, Amnon boapa yareeɛ. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma menni.” 7 Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no.
8 Ɛberɛ a Tamar duruu Amnon efie hɔ no, ɔkɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu, sɛdeɛ sɛ Tamar refotɔ asikyiresiam a ɔbɛhunu. Enti, ɔtoo burodo sononko bi maa no. 9 Nanso, ɔde aduane no guu apaawa so bɛsii nʼanim no, wampɛ sɛ ɔdi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Obiara mfiri ha nkɔ!” Enti, wɔn nyinaa kɔeɛ.
10 Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar sɛ, “Fa aduane no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti, Tamar maa so de kɔɔ hɔ. 11 Na ɛberɛ a ɔgu so de rema no no, ɔto hyɛɛ ne so, na ɔkaa sɛ, “Wo ne me nna, me nuabaa ɔdɔfoɔ.”
12 Na Tamar teaam sɛ, “Dabi, onua barima! Nni saa nkwaseasɛm no! Ɛnyɛ me saa! Wonim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛseɛ wɔ Israel. 13 Na ɛhe na anka mede saa aniwuo no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafoɔ akɛseɛ a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.” 14 Nanso, Amnon ampene so. Na ɛsiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sene Tamar enti, ɔtoo no monnaa.
15 Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no danee ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteateaam sɛ, “Firi ha kɔ ntɛm!”
16 Tamar nso teateaam sɛ, “Dabi. Sɛ worepam me afiri ha seesei no yɛ bɔne kɛseɛ koraa sene deɛ woayɛ me dada no.”
20 Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no sɛ, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? Yɛ dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhoni baa wɔ Absalom fie.
21 Ɛberɛ a ɔhene Dawid tee asɛm yi no, ne bo fuu yie. 22 Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri sɛ, wagu ne nuabaa Tamar anim ase.
25 Ɔhene buaa sɛ, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwom sɛ Absalom hyɛɛ no deɛ, nanso wampene sɛ ɔbɛkorɔ, na ɔhyiraa no kosɛkosɛ.
26 Na Absalom kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.”
28 Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ, “Montie! Montwɛn na Amnon mmoro nsã, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ na moakum no. Monnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoɔduru nyɛ.” 29 Enti, Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmammarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfunumu so, na wɔdwaneeɛ.
30 Ɛberɛ a wɔresane akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duruu Dawid asom sɛ, “Absalom akunkum wo mmammarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.” 31 Ɔhene no huri sii fam, sunsuanee nʼatadeɛ mu, daa fam. Nʼafotufoɔ nyinaa de ahodwirie ne awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, dedaa fam saa ara.
32 Nanso, ankyɛre biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no bɛduruu hɔ kaa sɛ, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Ɛfiri ɛberɛ a Amnon too ne nuabaa Tamar monnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa. 33 Dabi, wo mma no nyinaa nwuwuiɛ saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”
34 Saa ɛberɛ no, na Absalom adwane.
35 Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛdeɛ mekaeɛ no.”
36 Ankyɛre na wɔbɛduruiɛ a, wɔretwa adwo, te anisuo, na ɔhene ne ne mpanimfoɔ nso twaa agyaadwoɔ.
37 Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom dwane kɔɔ ne nana barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.
38 Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfeɛ mmiɛnsa. 39 Na Dawid a afei wagyae Amnon wuo no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom sane ka bom.
<- 2 Samuel 122 Samuel 14 ->- a Na Tamar yɛ Maaka babaa. Na Maaka yi yɛ Gesurhene babaa (3.3). Amnon nso na ɔyɛ Ahinoam babarima. Na Ahinoam yɛ Dawid yere a ɔdi ɛkan na Amnon nso, na ɔyɛ Dawid abakan barima a amanneɛ mu no, ɔbɛdi adeɛ daakye.